Research

Abrabɔ yɛ Nkɔbɛsie

pXrt pw anx abrabɔ nkɔbɛsie’,
Akora Dua Kube dwom, ne Ahome anwonsɛm

Ọbádélé Kambon, Godwin Adjei & Afya Kissiwaa Osei-Bonsu

Agya Koo Nimo dwom Akora Dua Kube na ɛma yɛhunu sɛ nkitaho bi da apaeɛ ne afɔrebɔ ntam (Nimo, 1990). Tete bɛ bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ, sɛbe   pXrt pw anx ‘abrabɔ yɛ nkɔbɛsie’ (Faulkner, 1956, p. 22, nsensaneɛ 20-21). Ɛkyerɛ sɛ, ewiase yi mu, nipa dasani di akɔ-ne-aba saa te sɛ owia apueeɛ ne n’atɔeɛ a ɛsan ba apueeɛ bio. Sɛɛ na mpanimfoɔ bu bɛ bi sɛ ‘abɔdeɛ ne abrabɔ mu yɛ ntaa.’ Afei, sɛbe, abirekyie se ‘Deɛ ɛbɛba aba dada.’ Akora Dua Kube dwom no fa ɔpanin bi ho a – ɛkwan bi so – ɔbɔɔ afɔreɛ ma nkyirimma. Akora yɛ obi a ɔnyɛ pɛsɛmenkomenya. Na mmom, ɔdwene ɔno ne ɔmanfo nyinaa ho; ne titire ne daakye nkyirimma mma ho. Ɛne sɛ, ɔbɔɔ ne tirim pɔ sɛ, kube a anka wanom emu nsuo a anka wadi emu aduane no, ɔkɔɔ ne mfikyire duaa saa kube no mmom. Ɔduaa saa kube no a, nsuo a anka ɔde bɛgu so ama kube no ayɛ yie no nso te sɛ apaeɛ a yɛyi ɛde ma wɔn a wɔakɔ wɔn nkuraase – sɛɛ na wɔn ara na wɔyɛ nkyirimma a wɔbɛsan aba abɛwe kube no daakye. Badwam kasa yi mu, yɛde pXrt pw anx ‘abrabɔ yɛ nkɔbɛsie’ bɛyɛ Akora Dua Kube ho mpɛnsɛmpɛnsɛnmu. Awieeɛ no, yɛbɛma ɛda adi pefee sɛ adwene a ɛwɔ saa bɛ yi mu na ɛyɛ apaeɛ ne afɔrebɔ nyinaa fapem.

 


 

Akan ne Kiswahili

Ɔpɔ ne Nteteɛ pa ho hia wɔ Akan ne Kiswahili Mmɛ mu

Josephine Dzahene-Quarshie; Ọbádélé Kambon

 

Ntotoho foforɔ a afa Akan ne Kiswahili mmɛ ho akyerɛ pefee sɛ mmɛ wɔ kasa mmienu yi mu bɛmmɛn wɔn ho wɔ akwan bebree so – te sɛ wɔn su, wɔn ban, wɔn nhyehyɛɛ ɛne adwenesu-nhyehyɛɛkwan a ɛtaa wɔn akyi (Kambon and Dzahene-Quarshie, forthcoming). Saa nkitahodie ne asɛsɛm no gyina amammerɛ ne abakɔsɛm mu suahunu a ɛsesɛ wɔ Akanman mu ne Swahiliman mu. Nhwehwɛmu yi mu, yɛbɛhwɛ mmɛ dibea wɔ mmɔfra ne nkwadaa ɔpɔ ho nteteɛ ne wɔn nnesua mu. Nhwehwɛmu yi nso bɛma ɛda adi sɛ amammerɛ di mu akotene ɛberɛ a yɛdwene fa pɔ a obi pɔ ho wɔ aman mmienu yi mu. Afei ntotoho yi mu, yɛbɛyi mmɛ binom adi ɛde akyerɛ sɛnea amanmufoɔ si hunu ɔpɔ ne nteteɛ pa wɔ Akanman ne Swahiliman mu.

Interests

  • Nominalization of Serial Verbs
  • Functional-Typological Linguistics focusing on Serial Verb Constructions (SVCs) in Afrikan languages
  • The influence of temporal sequencing (Iconicity) on surface syntactic structures
  • Word formation processes in Afrikan Languages
  • Historical Linguistics focusing on reconstructions of mdw nTr
  • Afrikan proverbs in social discourse
  • Second Language Migration
  • African Language Pedagogy
  • African Language Curriculum and Resource Development
  • Issues of Translation in African Languages
  • Afrikan Languages in the African World
  • Indigenous Afrikan Combat and Militaristic Traditions
  • African Language Poetry and Oral Literature
  • Connections between Kmt and other Afrikan Societies

Dr. Kambon's Professional Assistants

Lwanga Songsore

Lwanga Songsore

Graduate Assistant

Dr. Kambon's Graduate Assistant with a Master's Degrees in African Studies Follow

Great Personnel!

Dr. Ọbádélé Bakari Kambon currently works with Lwanga Songsore. Lwanga Songsore finished an M.A. degree in African Studies at the Institute of African Studies, University of Ghana, Legon where he focused in the disciplinary areas of African History and African Literature. He is currently working as a research assistant to a project running at the Institute of African Studies, University of Ghana.
Address, P.O. Box LG 25, Legon, Accra, Ghana. Phone Number, 0209710224. Email, sungsongsore@gmail.com.

×